Native Bible

Philippians 1:20 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Mepɛ ne mʼanidasoɔ titire ne sɛ, mmerɛ nyinaa mede nsi ne anem bɛyɛ mʼadwuma; mpo saa ɛberɛ yi, sɛ mete ase o, sɛ mewu o, mede me onipadua nyinaa bɛhyɛ Kristo animuonyam.

Philippians 1:20 in English

Philippians 1:20 · Berean Standard Bible

I eagerly expect and hope that I will in no way be ashamed, but will have complete boldness so that now as always Christ will be exalted in my body, whether by life or by death.

Context

18Yei enti, na ayɛ ɛdeɛn? Ɛyɛ me anigyesɛm. Deɛ ɛhia ara ne sɛ, sɛ wɔfiri adwene pa anaa adwemmɔne mu no, Kristo ho asɛm ara na wɔka. Na yei enti mʼani gye na mɛkɔ so ama mʼani agye, 19ɛfiri sɛ, menim sɛ mo mpaeɛbɔ ne adom a ɛfiri Yesu Kristo Honhom mmoa mu no enti, wɔbɛgyaa me. 20Mepɛ ne mʼanidasoɔ titire ne sɛ, mmerɛ nyinaa mede nsi ne anem bɛyɛ mʼadwuma; mpo saa ɛberɛ yi, sɛ mete ase o, sɛ mewu o, mede me onipadua nyinaa bɛhyɛ Kristo animuonyam. 21Me deɛ, Kristo enti na mete ase; na mpo, owuo yɛ me mfasoɔ. 22Nanso sɛ mete ase a, mɛtumi ayɛ adwuma a ɛho wɔ mfasoɔ ama Kristo. Ɛno enti, menhunu mu deɛ memfa, asetena anaasɛ owuo.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.