4 Mose 8:16
Numbers 8:16 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Israelfoɔ mu nyinaa, wɔn na wɔyɛ me nkurɔfoɔ, na magye wɔn atom asi Israelfoɔ mmakan nyinaa anan. Mafa Lewifoɔ no sɛ wɔn ananmusifoɔ.
Numbers 8:16 in English
Numbers 8:16 · Berean Standard Bible
For the Levites have been wholly given to Me from among the sons of Israel. I have taken them for Myself in place of all who come first from the womb, the firstborn of all the sons of Israel.
Context
14Monam saa ɛkwan yi so bɛyi Lewifoɔ no afiri Israelfoɔ no mu ama me, na wɔayɛ me dea. 15“Sɛ mote wɔn ho na mofa saa ɛkwan yi so de wɔn ma me a, afei, wɔbɛdi ahyɛnfirie wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu, adi wɔn dwuma. 16Israelfoɔ mu nyinaa, wɔn na wɔyɛ me nkurɔfoɔ, na magye wɔn atom asi Israelfoɔ mmakan nyinaa anan. Mafa Lewifoɔ no sɛ wɔn ananmusifoɔ. 17Ɛfiri sɛ, Israelfoɔ mmakan nyinaa yɛ me dea—nnipa ne mmoa nyinaa. Anadwo a mekumm Misraimfoɔ mmakan nyinaa no ara na mefaa wɔn de wɔn yɛɛ me nkurɔfoɔ. 18Mafa Lewifoɔ no asi Israelfoɔ mmakan nyinaa anan mu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.