Native Bible

Numbers 7:83 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

ne anantwie mmienu, nnwennini enum, mpapo enum ne nnwammaa enum a wɔn mu biara adi afe sɛ asomdwoeɛ afɔdeɛ. Yei ne afɔdeɛ a Enan babarima Ahira de baeɛ.

Numbers 7:83 in English

Numbers 7:83 · Berean Standard Bible

and a peace offering of two oxen, five rams, five male goats, and five male lambs a year old. This was the offering of Ahira son of Enan.

Context

81Ɔde nantwie ba, odwennini ne odwammaanini a wadi afe baeɛ sɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ; 82ɔpapo sɛ bɔne ho afɔdeɛ; 83ne anantwie mmienu, nnwennini enum, mpapo enum ne nnwammaa enum a wɔn mu biara adi afe sɛ asomdwoeɛ afɔdeɛ. Yei ne afɔdeɛ a Enan babarima Ahira de baeɛ. 84Enti, yei ne afɔrebukyia no afɔrebɔdeɛ a Israel mpanimfoɔ de ba bɛsraa afɔrebukyia no nam so bɔɔ no atenaseɛ: dwetɛ mprɛte dumienu, dwetɛ hweaseammɔ dumienu ne sikakɔkɔɔ aduhwam akoradeɛ dumienu. 85Ne nyinaa mu, na dwetɛ nneɛma no nyinaa kari bɛyɛ kilogram aduasa. Na prɛte biara kari kilogram baako ne fa, na dwetɛ kyɛnsee no nso kari kilogram baako.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.