4 Mose 7:80
Numbers 7:80 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Afei, ɔde sikakɔkɔɔ akoradeɛ a ɛkari gram ɔha ne dunan (114) a wɔde aduhwam ahyɛ no ma nso baeɛ.
Numbers 7:80 in English
Numbers 7:80 · Berean Standard Bible
one gold dish weighing ten shekels, filled with incense;
Context
78Ne dadu nna mmienu so no, Enan babarima Ahira a ɔda Naftali abusuakuo ano no de nʼafɔrebɔdeɛ baeɛ. 79Na nʼafɔrebɔdeɛ no yɛ:
dwetɛ prɛte a ɛyɛ kilogram baako ne fa ne dwetɛ kyɛnsee a emu duru yɛ kilogram baako. Na wɔde atokoɔ afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ asikyiresiam a wɔayam no muhumuhu a wɔde ngo afra ahyehyɛ no ma ma. 80Afei, ɔde sikakɔkɔɔ akoradeɛ a ɛkari gram ɔha ne dunan (114) a wɔde aduhwam ahyɛ no ma nso baeɛ. 81Ɔde nantwie ba, odwennini ne odwammaanini a wadi afe baeɛ sɛ ɔhyeɛ afɔdeɛ; 82ɔpapo sɛ bɔne ho afɔdeɛ;
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.