4 Mose 7:18
Numbers 7:18 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛda a ɛtɔ so mmienu no, Suar babarima Netanel a ɔda Isakar abusuakuo ano no de nʼafɔrebɔdeɛ baeɛ.
Numbers 7:18 in English
Numbers 7:18 · Berean Standard Bible
On the second day Nethanel son of Zuar, the leader of Issachar, drew near.
Context
16Wɔde abirekyie baeɛ sɛ bɔne ho afɔrebɔdeɛ 17na asomdwoeɛ afɔrebɔdeɛ no deɛ, anantwie mmienu, nnwennini enum, mmirekyie enum ne nnwammaa enum a wɔadi afe na wɔde wɔn baeɛ.
Yei ne afɔdeɛ a Nahson babarima Aminadab de baeɛ. 18Ɛda a ɛtɔ so mmienu no, Suar babarima Netanel a ɔda Isakar abusuakuo ano no de nʼafɔrebɔdeɛ baeɛ. 19Na nʼafɔrebɔdeɛ no yɛ:
dwetɛ prɛte a ɛyɛ kilogram baako ne fa ne dwetɛ kyɛnsee a emu duru yɛ kilogram baako a wɔde atokoɔ afɔrebɔdeɛ a ɛyɛ asikyiresiam muhumuhu a wɔde ngo afra ahyehyɛ no ma ma. 20Ɔde sikakɔkɔɔ akoradeɛ bi a ɛkari gram ɔha ne dunan (114) a wɔde aduhwam ahyɛ no ma nso baeɛ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.