Native Bible

Numbers 6:20 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɔsɔfoɔ no bɛhim no akɔ nʼanim aba nʼakyi wɔ Awurade anim a ɛkyerɛ ma a ɔde rema Awurade. Ne nyinaa yɛ kyɛfa a ɛho te ma ɔsɔfoɔ no. Wɔbɛyɛ no sɛdeɛ wɔyɛ odwennini no basa mu mfempadeɛ a wɔhim no wɔ Awurade anim no. Yei akyi no, ɔhotuafoɔ no tumi nom bobesa a ɛkyerɛ sɛ, wɔayi no afiri ne bɔhyɛ no mu.

Numbers 6:20 in English

Numbers 6:20 · Berean Standard Bible

The priest shall then wave them as a wave offering before the LORD. This is a holy portion for the priest, in addition to the breast of the wave offering and the thigh that was presented. After that, the Nazirite may drink wine.

Context

18“Afei, ɔhotuafo no bɛyi ne tirinwi a afu kuhaa no; ɛno ne nsɛnkyerɛnnedeɛ a ɛkyerɛ sɛ, ɔnhyɛ bɔhyɛ no ase bio. Wɔbɛyɛ yei wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no ano, na wɔde nwi no agu asomdwoeɛ afɔdeɛ a wɔrebɔ no wɔ ogya mu no ahye no. 19“Wɔayi ɔbarima no tirinwi no awie no, ɔsɔfoɔ no de odwennini no basa a wɔatoto, taterɛ a mmɔreka nni mu no baako ne burodo ntrawa a mmɔreka nni mu bɛhyɛ ɔbarima no nsam. 20Ɔsɔfoɔ no bɛhim no akɔ nʼanim aba nʼakyi wɔ Awurade anim a ɛkyerɛ ma a ɔde rema Awurade. Ne nyinaa yɛ kyɛfa a ɛho te ma ɔsɔfoɔ no. Wɔbɛyɛ no sɛdeɛ wɔyɛ odwennini no basa mu mfempadeɛ a wɔhim no wɔ Awurade anim no. Yei akyi no, ɔhotuafoɔ no tumi nom bobesa a ɛkyerɛ sɛ, wɔayi no afiri ne bɔhyɛ no mu. 21“Yeinom ne mmara a ɛda hɔ ma Nasareni a wahyɛ nʼahofama ho bɔ awie, na ɔde afɔrebɔ ahodoɔ brɛ Awurade. Saa afɔrebɔ yi akyi no, ɔtumi de afɔrebɔdeɛ biara a ɔrebɛyɛ Nasareni no, ɔhyɛɛ ho bɔ sɛ ɔde bɛba no ba.” 22Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.