Native Bible

Numbers 5:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Mmarima ne mmaa nyinaa ka ho. Yi wɔn nyinaa firi hɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ na atenaeɛ hɔ a me ne mo bɛtena no ho rengu fi”.

Numbers 5:3 in English

Numbers 5:3 · Berean Standard Bible

You must send away male and female alike; send them outside the camp so they will not defile their camp, where I dwell among them.”

Context

1Yei ne mmara a Awurade sane hyɛ maa Mose: 2“Ka kyerɛ Israelfoɔ no sɛ, ɛsɛ sɛ wɔpam akwatafoɔ nyinaa firi atenaeɛ hɔ. Wɔn a ekuro atutu wɔn ne wɔn a wɔde wɔn nsa akɔka efunu enti wɔn ho agu fi nyinaa no, ɛsɛ sɛ wɔpam wɔn. 3Mmarima ne mmaa nyinaa ka ho. Yi wɔn nyinaa firi hɔ sɛdeɛ ɛbɛyɛ na atenaeɛ hɔ a me ne mo bɛtena no ho rengu fi”. 4Wɔdii Awurade mmara no so. 5Afei, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ,

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.