4 Mose 35:16
Numbers 35:16 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Nanso, sɛ obi de dadeɛ poma sin bi bɔ obi kum no a, wɔfa no sɛ wadi awu, enti ɛsɛ sɛ wɔkum owudifoɔ no.
Numbers 35:16 in English
Numbers 35:16 · Berean Standard Bible
If, however, anyone strikes a person with an iron object and kills him, he is a murderer; the murderer must surely be put to death.
Context
14na wɔsisi mmiɛnsa nso wɔ Asubɔnten Yordan apueeɛ fam. 15Ɛnyɛ Israelfoɔ nko na ɛhɔ bɛyɛ wɔn dwanekɔbea, na mmom, ɛbɛyɛ dwanekɔbea ama ahɔhoɔ ne akwantufoɔ nyinaa. 16“Nanso, sɛ obi de dadeɛ poma sin bi bɔ obi kum no a, wɔfa no sɛ wadi awu, enti ɛsɛ sɛ wɔkum owudifoɔ no. 17Anaasɛ, sɛ wɔde ɛboɔ kɛseɛ bi bɔɔ owufoɔ no a, ɛyɛ awudie enti ɛsɛ sɛ wɔkum owudifoɔ no. 18Saa ara nso na sɛ wɔde dua na wɔde kumm no a, ɛte ara ne no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.