4 Mose 33:41
Numbers 33:41 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Israelfoɔ no toaa wɔn akwantuo no so firi Bepɔ Hor so kɔbɔɔ atenaeɛ wɔ Salmona.
Numbers 33:41 in English
Numbers 33:41 · Berean Standard Bible
And the Israelites set out from Mount Hor and camped at Zalmonah.
Context
39Aaron dii mfeɛ ɔha aduonu mmiɛnsa, na ɔwuiɛ wɔ Bepɔ Hor so. 40Saa ɛberɛ no ara mu na Kanaanhene Arad a ɔtenaa Negeb wɔ Kanaan asase so no tee sɛ Israelfoɔ no reba nʼasase so. 41Israelfoɔ no toaa wɔn akwantuo no so firi Bepɔ Hor so kɔbɔɔ atenaeɛ wɔ Salmona. 42Wɔfirii Salmona kɔtenaa Punon. 43Wɔfirii Punon kɔtenaa Obot.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.