Native Bible

Numbers 32:42 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɔbarima bi a ne din de Noba dii asraafoɔ bi anim de wɔn kɔɔ Kenat ne ne nkuraaseɛ kɔbɔɔ wɔn atenaeɛ wɔ hɔ, enti ɔde ne din Noba too saa beaeɛ hɔ.

Numbers 32:42 in English

Numbers 32:42 · Berean Standard Bible

And Nobah went and captured Kenath and its villages and called it Nobah, after his own name.

Context

40Enti, Mose de Gilead maa Makirfoɔ, Manase asefoɔ, ma wɔtenaa hɔ. 41Manase abusuakuo mu nnipa foforɔ bi a wɔfiri Yair nso tenatenaa Gilead nkuro bebree so, sesaa beaeɛ a wɔwɔ hɔ no din frɛɛ hɔ Hafrotyair. 42Ɔbarima bi a ne din de Noba dii asraafoɔ bi anim de wɔn kɔɔ Kenat ne ne nkuraaseɛ kɔbɔɔ wɔn atenaeɛ wɔ hɔ, enti ɔde ne din Noba too saa beaeɛ hɔ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.