4 Mose 32:22
Numbers 32:22 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
ɛnneɛ, sɛ asase no ho asɛm dwo brɛoo wɔ Awurade anim a, motumi sane ba. Ɛba saa a, na ɛkyerɛ sɛ, moayɛ mo asɛdeɛ ama Awurade ne Israelfoɔ nyinaa. Na asase a ɛda apueeɛ no nso, Awurade de bɛma mo.
Numbers 32:22 in English
Numbers 32:22 · Berean Standard Bible
then when the land is subdued before the LORD, you may return and be free of obligation to the LORD and to Israel. And this land will belong to you as a possession before the LORD.
Context
20Mose kaa sɛ, “Ɛyɛ. Sɛ mobɛyɛ sɛdeɛ moaka no, na mode akodeɛ ahyehyɛ mo ho ama Awurade ɔko no, 21na mode mo akodɔm no atware Yordan kɔsi sɛ Awurade bɛpamo nʼatamfoɔ no a, 22ɛnneɛ, sɛ asase no ho asɛm dwo brɛoo wɔ Awurade anim a, motumi sane ba. Ɛba saa a, na ɛkyerɛ sɛ, moayɛ mo asɛdeɛ ama Awurade ne Israelfoɔ nyinaa. Na asase a ɛda apueeɛ no nso, Awurade de bɛma mo. 23“Sɛ moanni asɛm a moaka no so a, na moayɛ bɔne atia Awurade, na sɛ ɛba saa a, monhunu sɛ, ɛho asotwe bɛba mo so. 24Monkɔ so nkyekyere nkuro mma mo fiefoɔ na monyɛ nnwammuo mma mo nnwan na monni asɛm a mokaeɛ no nyinaa so.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.