Native Bible

Numbers 31:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Momfa Israel abusua biara mu nnipa apem nkɔ ɔsa no.”

Numbers 31:4 in English

Numbers 31:4 · Berean Standard Bible

Send into battle a thousand men from each tribe of Israel.”

Context

2“Esiane sɛ Midianfoɔ daadaa mo de mo kɔɔ abosonsom mu no enti, tɔ wɔn so awere. Yei akyi no wɔbɛwu na wɔakɔ wɔn agyanom nkyɛn.” 3Mose ka kyerɛɛ nkurɔfoɔ no sɛ, “Monyi mmarima no mu bi na wɔnkɔ Awurade aweretɔ sa a ɔde tia Midianfoɔ no. 4Momfa Israel abusua biara mu nnipa apem nkɔ ɔsa no.” 5Wɔyɛɛ saa nyaa mmarima mpem dumienu siesie wɔn maa ɔko no. 6Afei Mose ma wɔkɔeɛ, nnipa apem baako a wɔfiri abusuakuo biara mu. Ɔsɔfoɔ Eleasa babarima Pinehas na ɔdii wɔn anim kɔɔ ɔko no. Wɔrekɔ no, wɔde kronkronneɛ a ɛwɔ kronkronbea hɔ ne totorobɛnto a wɔbɛhyɛn akanyane akodɔm no kɔeɛ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.