4 Mose 31:20
Numbers 31:20 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Monkae na monnwira mo ntadeɛ ne biribiara a wɔde aboa nwoma, abirekyie nwi anaa dua ayɛ.”
Numbers 31:20 in English
Numbers 31:20 · Berean Standard Bible
And purify every garment and leather good, everything made of goat’s hair, and every article of wood.”
Context
18Mommfa mo nsa nka mmaayewa nketewa no. Wɔn deɛ, momfa wɔn na mo ne wɔn nkɔtena. 19“Afei, momfiri atenaeɛ ha nkɔtena baabi nnanson, ɛfiri sɛ, mo nyinaa moakum nnipa anaa mode mo nsa aka efunu. Monnwira mo ho ne mo nneduafoɔ ne nnansa ne ne nnanson so. 20Monkae na monnwira mo ntadeɛ ne biribiara a wɔde aboa nwoma, abirekyie nwi anaa dua ayɛ.” 21Afei, ɔsɔfoɔ Eleasa ka kyerɛɛ mmarima a wɔkɔɔ ɔko no sɛ, “Yei ne mmara a Awurade ahyɛ a waka akyerɛ Mose. 22Biribiara a ɛtumi gyinaa ogya ano te sɛ sikakɔkɔɔ, dwetɛ, kɔbere, dadeɛ, sanya anaa sumpii no,
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.