Native Bible

Numbers 29:19 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɔhyeɛ afɔrebɔ a mobɔ no daa akyi no, mode ɔpapo bɛka atokoɔ afɔrebɔdeɛ ne nsã afɔrebɔdeɛ no ho abɔ bɔne ho afɔdeɛ.

Numbers 29:19 in English

Numbers 29:19 · Berean Standard Bible

Include one male goat as a sin offering, in addition to the regular burnt offering with its grain offering and drink offering.

Context

17“ ‘Ɛda a ɛtɔ so mmienu wɔ saa nnanson afahyɛ no mu no, mode anantwie mma dumienu, nnwennini mmienu ne nnwammaanini a wɔadi afe dunan a wɔnnii dɛm biara bɛbɔ afɔdeɛ. 18Saa afɔrebɔdeɛ yi mu biara, mode anantwinini, nnwennini ne nnwammaa no ho aduane ne nsã afɔrebɔdeɛ a wɔahyɛ no bɛka ho. 19Ɔhyeɛ afɔrebɔ a mobɔ no daa akyi no, mode ɔpapo bɛka atokoɔ afɔrebɔdeɛ ne nsã afɔrebɔdeɛ no ho abɔ bɔne ho afɔdeɛ. 20“ ‘Afahyɛ ɛda a ɛtɔ so mmiɛnsa no so no, mode anantwie mmaa dubaako, nnwennini mmienu, nnwammaanini a wɔadi afe no dunan a wɔnnii dɛm biara 21a sɛdeɛ moyɛ no daa no, mode anantwie, nnwennini ne nnwammaa no ne aduane ne nsã afɔrebɔdeɛ bɛka afɔrebɔdeɛ biara ho.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.