4 Mose 28:21
Numbers 28:21 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
na nnwan nson no biara nso, mode esiam lita mmiɛnsa aka ho.
Numbers 28:21 in English
Numbers 28:21 · Berean Standard Bible
and a tenth of an ephah with each of the seven lambs.
Context
19Mode nantwie mma mmienu, odwennini baako ne nnwammaa a wɔadi afe a wɔnnii dɛm bɛbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ama Awurade. 20Mode esiam lita nson a mode ngo afra bɛka nantwie baako biara ho. Afei, mode esiam lita enum bɛka odwennini no ho, 21na nnwan nson no biara nso, mode esiam lita mmiɛnsa aka ho. 22Ɛsɛ sɛ mode ɔpapo bɔ bɔne ho afɔdeɛ sɛ mpatadeɛ ma mo ho. 23Mode saa afɔrebɔdeɛ yi bɛka deɛ daadaa mobɔ no ho.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.