4 Mose 27:9
Numbers 27:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na sɛ ɔnni ɔbabaa nso a, ɛsɛ sɛ agyapadeɛ no kɔ ne nuammarima nkyɛn.
Numbers 27:9 in English
Numbers 27:9 · Berean Standard Bible
If he has no daughter, give his inheritance to his brothers.
Context
7“Asɛm a Selofehad mmammaa no ka no yɛ nokorɛ. Ma wɔn ne wɔn agya nuanom no asase. Fa agyapadeɛ a sɛ wɔn agya no te ase a anka ɔbɛnya no ma wɔn. 8“Deɛ ɛdi hɔ bio ne sɛ, ɛsiane sɛ ɛyɛ mo mmara sɛ, sɛ obi wu na ɔnni mmammarima a wɔbɛdi nʼadeɛ a ɛsɛ sɛ nʼagyapadeɛ kɔ ne mmammaa hɔ enti, monyɛ no saa. 9Na sɛ ɔnni ɔbabaa nso a, ɛsɛ sɛ agyapadeɛ no kɔ ne nuammarima nkyɛn. 10Na sɛ ɔnni nuammarima a, ɛkɔ ne wɔfanom nkyɛn. 11Na sɛ ɔnni wɔn mu biara bi a, ɛkɔ ne busuani bi a ɔbɛn no nkyɛn. Ɛsɛ sɛ Israelfoɔ di saa mmara a Awurade hyɛɛ Mose no so.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.