Native Bible

Numbers 26:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Yeinom ne mmusua a wɔyɛ Yakob babarima panin Ruben asefoɔ: Hanokfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Hanok; Palufoɔ abusua, wɔde too a wɔn tete agya Palu;

Numbers 26:5 in English

Numbers 26:5 · Berean Standard Bible

Reuben was the firstborn of Israel. These were the descendants of Reuben: The Hanochite clan from Hanoch, the Palluite clan from Pallu,

Context

3Saa ɛberɛ no, na Israelman no nyinaa abɔ atenaeɛ wɔ Moab tata so, wɔ Asubɔnten Yordan ho a na wɔne Yeriko di nhwɛanimu. Enti Mose ne ɔsɔfoɔ Eleasa kaa nhyehyɛeɛ a ɛfa nnipakan no ho kyerɛɛ Israelfoɔ ntuanofoɔ no sɛ, 4“Monkan mmarima a wɔwɔ Israel a wɔadi mfeɛ aduonu ne deɛ ɛboro saa sɛdeɛ Awurade hyɛɛ Mose no.” Sɛdeɛ nnipakan no a ɛfa Israel mma a wɔfiri Misraim baeɛ no ano kɔsiiɛ nie. 5Yeinom ne mmusua a wɔyɛ Yakob babarima panin Ruben asefoɔ: Hanokfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Hanok; Palufoɔ abusua, wɔde too a wɔn tete agya Palu; 6Hesronfoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Hesron; Karmifoɔ abusua, wɔde too wɔn tete agya Karmi. 7Mmarima a na wɔwɔ Ruben mmusua nyinaa mu no dodoɔ yɛ mpem aduanan mmiɛnsa ahanson aduasa (43,730).

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.