Native Bible

Numbers 23:2 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Balak tiee Balaam asɛm no, enti ɔde nantwie ba ne odwennini ba bɔɔ afɔrebukyia nson no biara so afɔdeɛ.

Numbers 23:2 in English

Numbers 23:2 · Berean Standard Bible

So Balak did as Balaam had instructed, and Balak and Balaam offered a bull and a ram on each altar.

Context

1Balaam ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ, “Si afɔrebukyia nson wɔ ha, na siesie anantwie mma nson ne nnwennini nson fa wɔn bɔ afɔdeɛ.” 2Balak tiee Balaam asɛm no, enti ɔde nantwie ba ne odwennini ba bɔɔ afɔrebukyia nson no biara so afɔdeɛ. 3Afei Balaam ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ, “Sɔre gyina wo ɔhyeɛ afɔdeɛ no ho na mɛhwɛ sɛ Awurade bɛhyia me, na asɛm a ɔbɛka akyerɛ me no nso, mɛka akyerɛ wo.” Enti, ɔforo kɔɔ apampam baabi. 4Ɛhɔ na Onyankopɔn hyiaa no. Balaam ka kyerɛɛ Awurade sɛ, “Masiesie afɔrebukyia nson. Mabɔ afɔrebukyia no biara so nantwie ba ne odwennini ba afɔdeɛ.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.