Native Bible

Numbers 22:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Nnipa a ɔsomaa wɔn no yɛ atitire a wɔfiri Moab ne Midian. Wɔfaa sika sɛ wɔde rekɔtua Balaam ka ama wadome Israelfoɔ. Enti wɔkɔɔ Balaam nkyɛn kɔkaa deɛ ɛhia Balak kyerɛɛ no.

Numbers 22:7 in English

Numbers 22:7 · Berean Standard Bible

The elders of Moab and Midian departed with the fees for divination in hand. They came to Balaam and relayed to him the words of Balak.

Context

5somaa nnipa ma wɔkɔɔ Beor babarima Balaam nkyɛn wɔ Petor a ɛbɛn Asubɔnten Eufrate ho. Ɔsrɛɛ Balaam sɛ ɔmmɛboa no. Ɔkaa sɛ, “Nnipadɔm bi firi Misraim aba. Wɔkata asase ani nyinaa na wɔrehunahuna me. 6Mɛsrɛ wo, bra na bɛdome wɔn ma me, ɛfiri sɛ wɔdɔɔso dodo. Ebia metumi adi wɔn so nkonim na mapam wɔn afiri asase no so. Na menim nhyira a ɛba wɔn a wohyira wɔn no so, ɛnna menim musuo a ɛba wɔn a wodome wɔn so.” 7Nnipa a ɔsomaa wɔn no yɛ atitire a wɔfiri Moab ne Midian. Wɔfaa sika sɛ wɔde rekɔtua Balaam ka ama wadome Israelfoɔ. Enti wɔkɔɔ Balaam nkyɛn kɔkaa deɛ ɛhia Balak kyerɛɛ no. 8Balaam kaa sɛ, “Monna ma adeɛ nkye mo. Adeɛ kye a, deɛ Awurade bɛkyerɛ me sɛ menyɛ no, mɛka akyerɛ mo.” Enti wɔdaeɛ. 9Anadwo no, Onyankopɔn baa Balaam nkyɛn bɛbisaa no sɛ, “Saa nnipa yi yɛ ɛhefoɔ?”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.