Native Bible

Numbers 22:27 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Enti, ɔbutuu ɛkwan no mu. Balaam de abufuo kaa aboa no mmaa.

Numbers 22:27 in English

Numbers 22:27 · Berean Standard Bible

When the donkey saw the angel of the LORD, she lay down under Balaam, and he became furious and beat her with his staff.

Context

25Ɛberɛ a afunumu no hunuu Awurade ɔbɔfoɔ no, ɔde ne ho twee ɔfasuo no ho maa Balaam nan pɛkyɛeɛ. Nanso, Balaam kɔɔ so hwee aboa no bio. 26Afei, Awurade ɔbɔfoɔ no kɔɔ ɛkwan no anafoɔ kɔgyinaa baabi a ɛhɔ kyere pa ara a na afunumu no nnya baabi mfa. 27Enti, ɔbutuu ɛkwan no mu. Balaam de abufuo kaa aboa no mmaa. 28Afei, Awurade hyɛɛ afunumu no ma ɔkasaeɛ! Ɔbisaa ne wura no sɛ, “Ɛdeɛn na mayɛ enti a ɛsɛ sɛ wohwe me mprɛnsa?” 29Balaam nso buaa no sɛ, “Ɛfiri sɛ, woama masɛ ɔkwasea. Na sɛ mekura sekan a, anka mɛkum wo.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.