Native Bible

Numbers 21:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wɔhyɛɛ aseɛ nwiinwii tiaa Onyankopɔn enti wɔkaa wɔn ahiasɛm kyerɛɛ Mose sɛ, “Adɛn enti na woayi yɛn afiri Misraim de yɛn aba sɛ yɛmmɛwuwu ɛserɛ yi so? Aduane a yɛbɛdie nni ha. Nsuo a yɛbɛnom nso nni ha. Mana yi nso deɛ, afono yɛn.”

Numbers 21:5 in English

Numbers 21:5 · Berean Standard Bible

and spoke against God and against Moses: “Why have you led us up out of Egypt to die in the wilderness? There is no bread or water, and we detest this wretched food!”

Context

3Awurade tiee wɔn abisadeɛ no, enti ɔmaa wɔdii Kanaanfoɔ no so; Israelfoɔ no sɛee wɔn ne wɔn nkuro akɛseɛ pasaa. Wɔtoo hɔ edin Horma a aseɛ ne “Ɔsɛeɛ.” 4Afei, Israelfoɔ no sane kɔɔ Bepɔ Hor so. Wɔfiri hɔ no, wɔkɔɔ anafoɔ fam ɛkwan a ɛkɔ Ɛpo Kɔkɔɔ no so no so sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔbɛtumi atwa kanko afa Edom ho. Nnipa no aba mu buiɛ. 5Wɔhyɛɛ aseɛ nwiinwii tiaa Onyankopɔn enti wɔkaa wɔn ahiasɛm kyerɛɛ Mose sɛ, “Adɛn enti na woayi yɛn afiri Misraim de yɛn aba sɛ yɛmmɛwuwu ɛserɛ yi so? Aduane a yɛbɛdie nni ha. Nsuo a yɛbɛnom nso nni ha. Mana yi nso deɛ, afono yɛn.” 6Enti, Awurade maa awɔ a wɔn ano wɔ borɔ yie kɔkekaa wɔn mu bebree ma wɔwuwuiɛ. 7Afei, nnipa no baa Mose nkyɛn bɛsrɛɛ sɛ, “Yɛayɛ bɔne, ɛfiri sɛ, yɛakasa atia Awurade ne wo. Bɔ mpaeɛ kyerɛ Awurade na awɔ no nkɔ.” Mose bɔɔ mpaeɛ maa nnipa no.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.