Native Bible

Numbers 2:16 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Na mmarima a wɔwɔ Ruben atenaeɛ ne sɛdeɛ wɔn nkyekyɛmu teɛ no ano si mpem ɔha aduonum baako ahanan ne aduonum (151,450). Na sɛ Israelfoɔ tu a, wɔn na wɔtɔ so mmienu.

Numbers 2:16 in English

Numbers 2:16 · Berean Standard Bible

The total number of men in the divisions of the camp of Reuben is 151,450; they shall set out second.

Context

14Gad abusuakuo na wɔbɛdi so. Wɔn ntuanoni ne Reuel babarima Eliasaf. 15Na ne dɔm ano si mpem aduanan enum ahansia ne aduonum (45,650). 16Na mmarima a wɔwɔ Ruben atenaeɛ ne sɛdeɛ wɔn nkyekyɛmu teɛ no ano si mpem ɔha aduonum baako ahanan ne aduonum (151,450). Na sɛ Israelfoɔ tu a, wɔn na wɔtɔ so mmienu. 17Afei Lewifoɔ no de Ahyiaeɛ Ntomadan bɛfiri wɔn atenaeɛ mfimfini hɔ akɔ. Mmusuakuo no nyinaa bɛkɔ no nnidisoɔ sɛdeɛ wɔn atenaeɛ nhyehyɛeɛ teɛ, wɔ wɔn mmusuakuo mfrankaa akyi. 18Efraim abusuakuo bɛfa atenaeɛm hɔ atɔeɛ fam adi wɔn abusua frankaa akyi. Wɔn ntuanoni ne Amihud babarima Elisama.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.