Native Bible

Numbers 16:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wɔkɔɔ Mose ne Aaron hɔ kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ. “Mo ahomasoɔ no amee yɛn; monnyɛ kronn nsene obiara. Awurade na wayi obiara a ɔwɔ Israel ha na ɔka yɛn nyinaa ho. Adɛn enti na moma mo ho so sene obiara wɔ ɛberɛ a yɛn nyinaa yɛ Awurade mma?”

Numbers 16:3 in English

Numbers 16:3 · Berean Standard Bible

They came together against Moses and Aaron and told them, “You have taken too much upon yourselves!* For everyone in the entire congregation is holy, and the LORD is in their midst. Why then do you exalt yourselves above the assembly of the LORD?”

Context

1Ɛda koro bi Kora, Ishar a ɔyɛ Lewi babarima Kohat aseni ne Datan ne Abiram a wɔyɛ Eliab mmammarima ne On a ɔyɛ Pelet babarima a wɔn baasa no firi Ruben abusuakuo mu bɔɔ pɔ 2tiaa Mose. Na mpanimfoɔ atitire ahanu aduonum a wɔn nyinaa fra agyinatukuo no mu no ka ho. 3Wɔkɔɔ Mose ne Aaron hɔ kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ. “Mo ahomasoɔ no amee yɛn; monnyɛ kronn nsene obiara. Awurade na wayi obiara a ɔwɔ Israel ha na ɔka yɛn nyinaa ho. Adɛn enti na moma mo ho so sene obiara wɔ ɛberɛ a yɛn nyinaa yɛ Awurade mma?” 4Mose tee saa asɛm yi no, ɔde nʼanim butuu fam. 5Ɔka kyerɛɛ Kora ne wɔn a wɔka ne ho no sɛ, “Anɔpa, Awurade bɛkyerɛ mo wɔn a wɔyɛ ne dea ne deɛ ɔyɛ kronkron ne deɛ wɔayi no sɛ ne ɔsɔfoɔ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.