Native Bible

Numbers 14:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Mose srɛɛ Awurade sɛ, “Na sɛ Misraimfoɔ yi te a, ɛdeɛn asɛm na wɔbɛdwene? Wɔn nyinaa hunuu tumi a wonam so de gyee wo nkurɔfoɔ.

Numbers 14:13 in English

Numbers 14:13 · Berean Standard Bible

But Moses said to the LORD, “The Egyptians will hear of it, for by Your strength You brought this people from among them.

Context

11na Awurade bisaa Mose sɛ, “Nnipa yi bɛbu me animtia akɔsi da bɛn? Anwanwadeɛ dodoɔ a mayɛ akyerɛ wɔn yi nyinaa akyi no, wɔnnye me nni? 12Mɛgye wɔn nsam nneɛma a mede ama wɔn nyinaa na mama ɔyaredɔm asɛe wɔn na mayɛ mo ɔman kɛseɛ a ɛso sene wɔn!” 13Mose srɛɛ Awurade sɛ, “Na sɛ Misraimfoɔ yi te a, ɛdeɛn asɛm na wɔbɛdwene? Wɔn nyinaa hunuu tumi a wonam so de gyee wo nkurɔfoɔ. 14Wɔaka saa asɛm yi akyerɛ wɔn a wɔte asase yi so a wɔnim, Awurade, sɛ wowɔ Israel afa, na wo ne wɔn kasa anim ne anim. Wɔhunu omununkum dum ne ogya sɛ ɛgyina yɛn atifi, na wɔnim sɛ wodi yɛn anim bɔ yɛn ho ban awia ne anadwo. 15Na sɛ wokum wo nkurɔfoɔ nyinaa a, aman a wɔate wo din no bɛka sɛ,

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.