4 Mose 11:14
Numbers 11:14 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mʼankasa merentumi nsoa ɔman yi! Adesoa no mu yɛ duru ma me dodo!
Numbers 11:14 in English
Numbers 11:14 · Berean Standard Bible
I cannot carry all these people by myself; it is too burdensome for me.
Context
12Wɔyɛ me mma anaasɛ me nso meyɛ wɔn agya? Yei enti na wode wɔn ama me sɛ menhwɛ wɔn sɛ nkɔkoaa kɔsi sɛ yɛbɛduru asase a wohyɛɛ wɔn agyanom ho bɔ no? 13Ɛhefa na merekɔfa ɛnam abrɛ nnipa yi? Wɔsu kyerɛ me sɛ, ‘Ma yɛn ɛnam!’ 14Mʼankasa merentumi nsoa ɔman yi! Adesoa no mu yɛ duru ma me dodo! 15Na sɛ saa na wo ne me bɛdi no deɛ a, mesrɛ, kum me seesei ara; ɛbɛyɛ adom ama me! Yi me firi saa ahokyere yi mu!” 16Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Frɛ Israelfoɔ mpanimfoɔ no mu aduɔson ma me; fa wɔn bra Ahyiaeɛ Ntomadan no mu na wo ne wɔn nnyina hɔ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.