Native Bible

Nehemiah 7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Listen to Nehemia 7
1Wɔwiee ɔfasuo no, na mesisii apono no wieeɛ no akyi, wɔyiyii apono no anohwɛfoɔ, nnwomtofoɔ ne Lewifoɔ. 2Meyii me nuabarima Hanani sɛ ɔne Hanania nni Yerusalem so. Na Hanania yɛ ɔsahene a ɔhwɛ aban no so, na ɔyɛ ɔnokwafoɔ a ɔsuro Onyame sene afoforɔ bebree. 3Meka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Adekyeeɛ mu, sɛ ahuhuro ba a, mommma apono no ano nna hɔ. Na sɛ aponoanohwɛfoɔ wɔ adwuma mu koraa a, montoto mu, na mommram no. Monyi wɔn a wɔtete Yerusalem no bi, na wɔnnwɛn a obiara ba ne ɛberɛ a wɔahyɛ ama no no pɛpɛɛpɛ. Ebi bɛwɛn wɔ awɛneeɛ hɔ, na ebi nso awɛn wɔ wɔn ankasa afie anim.” 4Saa ɛberɛ no na kuropɔn no so, na emu da hɔ, nanso na nnipa no nnɔɔso. Afie kakra bi na na ɛsisi kuropɔn no mu. 5Na me Onyankopɔn maa me adwene sɛ memfrɛ kuropɔn no mu ntuanofoɔ ne ɔmanfoɔ no nyinaa nhyia, na wɔntwerɛ wɔn din. Na mahunu nnipa a wɔdii ɛkan sane baa Yuda no abusuadua nwoma. Nsɛm a na wɔatwerɛ agu mu nie: 6Yeinom ne Yudafoɔ a wɔtwaa wɔn asuo kɔɔ amantam bi so, na wɔfirii nnommumfa mu sane baa Yerusalem ne Yuda nkuro afoforɔ so. Ɔhene Nebukadnessar na ɔtwaa wɔn asuo kɔɔ Babilonia. 7Wɔn ntuanofoɔ yɛ Serubabel, Yesua, Nehemia, Asaria, Raamia, Nahamani, Mordekai, Bilsan, Misperet, Bigwai, Nehum ne Baana. Israelfoɔ dodoɔ a wɔfiri asutwa mu baeɛ no nie: 8Abusuafoɔ dodoɔ nie: Paros \~\~2,172 9Sefatia \~\~372 10Arah \~\~652 11Pahat-Moab (Yesua ne Yoab asefoɔ) \~\~2,818 12Elam \~\~1,254 13Satu \~\~845 14Sakai \~\~760 15Bani \~\~648 16Bebai \~\~628 17Asgad \~\~2,322 18Adonikam \~\~667 19Bigwai \~\~2,067 20Adin \~\~655 21Ater (Hesekia asefoɔ) \~\~98 22Hasum \~\~328 23Besai \~\~324 24Harif \~\~112 25Gibar \~\~95 26Mmarima a wɔfiri Betlehem ne Netofa \~\~188 27Anatot \~\~128 28Bet-Asmawet \~\~42 29Kiriat-Yearim, Kefira ne Beerot \~\~743 30Rama ne Geba \~\~621 31Mikmas \~\~122 32Bet-El ne Ai \~\~123 33Nebo \~\~52 34Elam \~\~1,254 35Harim \~\~320 36Yeriko \~\~345 37Lod, Hadid ne Ono \~\~721 38Senaa \~\~3,930 39Yeinom ne asɔfoɔ a wɔfiri asutwa mu baeɛ: Yedaia (Yesua fie mufoɔ) asefoɔ \~\~973 40Imer asefoɔ \~\~1,052 41Pashur asefoɔ \~\~1,247 42Harim asefoɔ \~\~1,017 43Yeinom ne Lewifoɔ a wɔfiri asutwa mu baeɛ: Yesua (Kadmiel ne Hodewa fiefoɔ) asefoɔ \~\~74 44Nnwontofoɔ: Asaf asefoɔ \~\~148 45Asɔredan Aponoanohwɛfoɔ: Salum, Ater, Talmon asefoɔ, Akub, Hatita ne Sobai asefoɔ \~\~138 46Asɔredan mu asomfoɔ: Siha, Hasufa, Tabaot asefoɔ, 47Keros, Siaha, Padon asefoɔ, 48Lebana, Hagaba, Salmai asefoɔ, 49Hanan, Gidel, Gahar asefoɔ, 50Reaia, Resin, Nekoda asefoɔ, 51Gasam, Usa, Paseah asefoɔ, 52Besai, Meunim, Nefusim asefoɔ, 53Bakbuk, Hakufa, Harhur asefoɔ, 54Baslut, Mehida, Harsa asefoɔ, 55Barkos, Sisera, Tema asefoɔ, 56Nesia ne Hatifa asefoɔ 57Ɔhene Salomo asefoɔ asomfoɔ a wɔfiri asutwa mu baeɛ no nie: Sotai, Soferet, Perida asefoɔ, 58Yaala, Darkon, Gidel asefoɔ, 59Sefatia, Hatil, Pokeret-Hasebaim ne Ami asefoɔ, 60Asɔredan mu asomfoɔ ne Salomo asomfoɔ asefoɔ no nyinaa na wɔn dodoɔ yɛ \~\~392 61Ekuo foforɔ bi a saa ɛberɛ yi wɔfiri Tel-Melah, Tel-Harsa, Kerub, Adon ne Imer sane baa Yerusalem, nanso, wɔantumi ankyerɛ mu yie sɛ, wɔn anaa wɔn abusuafoɔ no ase firi Israel: 62Delaia, Tobia ne Nekoda asefoɔ no ka saa kuo yi ho, na wɔn dodoɔ yɛ \~\~642 63Asɔfoɔ baasa a wɔn din de Habaia, Hakos ne Barsilai asefoɔ nso baa Yerusalem. (Na saa Barsilai yi aware Barsilai a ɔfiri Gilead mmammaa no baako ama wafa ɔbaa no abusua din.) 64Nanso, na wɔayera wɔn abusuadua nwoma no enti wɔamma wɔn ho ɛkwan amma wɔansom sɛ asɔfoɔ. 65Na amrado no mma ɛkwan mma wɔnnni afɔrebɔ nnuane mu kyɛfa mpo, gye sɛ ɔsɔfoɔ bi de ntonto kronkron bɔ a wɔfrɛ no Urim ne Tumim akyerɛ wɔn gyinabea wɔ saa asɛm yi ho. 66Enti nnipa a wɔsane baa Yuda no nyinaa dodoɔ yɛ (42,360), 67a ɛno akyi, asomfoɔ (7,337) a wɔyɛ mmaa ne mmarima a ɛmu (245) yɛ nnwomtofoɔ. 68Wɔde apɔnkɔ ahanson ne aduasa nsia (736) mfunumpɔnkɔ ahanu ne aduanan enum (245). 69Nyoma ahanan ne aduasa enum (435) ne mfunumu mpem nsia ahanson ne aduonu (6,720). 70Abusua no bi ntuanofoɔ maa dwumadie no ho akyɛdeɛ. Amrado no too sikakorabea no mu sikakɔkɔɔ pranpran apem (1,000), sikakɔkɔɔ atam aduonum (50) ne asɔfotadeɛ ahanum ne aduasa (530). 71Ntuanofoɔ no bi ka bɔɔ mu, too sikakorabea no mu sikakɔkɔɔ pranpran ɔpeduonu (20,000), na ebinom nso maa dwetɛ nsania kilogram mpem mmienu ahanu ne aduonu (2,220) de boaa adwuma no. 72Nnipa a wɔaka no nso maa sikakɔkɔɔ pranpran ɔpeduonu ne dwetɛ bɛyɛ kilogram mpem ne ahanu ne asɔfotadeɛ aduosia nson (67). 73Enti, asɔfoɔ, Lewifoɔ, aponoanohwɛfoɔ, nnwomtofoɔ, Asɔredan mu asomfoɔ ne nnipa no bi, ne Israelfoɔ a wɔaka nyinaa bɔɔ atenaseɛ wɔ wɔn ankasa nkuro so. 74(73) Ɔbosome Tisri (bɛyɛ Ɛbɔ ne Ahinime ntam) mfimfini mu a Israelfoɔ akokɔ wɔn nkuro so no,

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.