Native Bible

Nehemiah 6:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Na mebuaa sɛ, “Enti, ɛsɛ sɛ obi a ɔte sɛ me dwane amanehunu anaa? Enti, ɛsɛ sɛ obi a ɔte sɛ me bɛkɔ akɔhinta Asɔredan mu de apere me nkwa anaa? Dabi, merenyɛ saa!”

Nehemiah 6:11 in English

Nehemiah 6:11 · Berean Standard Bible

But I replied, “Should a man like me run away? Should one like me go into the temple to save his own life? I will not go!”

Context

9Huna na na wɔpɛ sɛ wɔhunahuna yɛn. Na wɔsusu sɛ wɔbɛtumi abu yɛn aba mu na yɛgyae adwuma no yɛ. Ɛno enti, mebɔɔ mpaeɛ sɛ mɛnya ahoɔden de atoa dwumadie no so. 10Akyire no, mekɔsraa Delaia babarima a ɔyɛ Mehetabel nana Semaia a ɔhyɛ ne fie na ɔnnkɔ baabiara no. Ɔkaa sɛ, “Ma yɛn nhyia wɔ Onyankopɔn asɔredan no mu, na yɛmmram apono no akyi. Wʼatamfoɔ reba abɛkum wo anadwo yi.” 11Na mebuaa sɛ, “Enti, ɛsɛ sɛ obi a ɔte sɛ me dwane amanehunu anaa? Enti, ɛsɛ sɛ obi a ɔte sɛ me bɛkɔ akɔhinta Asɔredan mu de apere me nkwa anaa? Dabi, merenyɛ saa!” 12Mehunuu sɛ Onyankopɔn nkasa nkyerɛɛ no, na ne nkɔm a ɔhyɛeɛ no tia me, ɛfiri sɛ, Tobia ne Sanbalat abɔ no paa. 13Na wɔsusu sɛ wɔbɛhunahuna me, na mafa nʼadwenkyerɛ no so ayɛ bɔne, na wɔnam so abɔ me soboɔ, asɛe me din.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.