Nehemia 1:9
Nehemiah 1:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na sɛ mosane ba me nkyɛn, na modi me mmaransɛm so a, sɛ mpo, wɔatwa mo asuo kɔ asase ano nohoa koraa a, mede mo bɛsane aba baabi a mayi asi hɔ sɛ wɔnhyɛ me din animuonyam.’
Nehemiah 1:9 in English
Nehemiah 1:9 · Berean Standard Bible
but if you return to Me and keep and practice My commandments, then even if your exiles have been banished to the farthest horizon,* I will gather them from there and bring them to the place I have chosen as a dwelling for My Name.’*
Context
7Yɛayɛ bɔne kɛseɛ sɛ yɛanni wo mmaransɛm, wo mmara, ne wʼahyɛdeɛ a wonam wʼakoa Mose so de maa yɛn no so. 8“Mesrɛ sɛ, kae asɛm a woka kyerɛɛ wʼakoa Mose sɛ, ‘Sɛ moyɛ bɔne a, mɛtete mo mu akɔ amanaman so. 9Na sɛ mosane ba me nkyɛn, na modi me mmaransɛm so a, sɛ mpo, wɔatwa mo asuo kɔ asase ano nohoa koraa a, mede mo bɛsane aba baabi a mayi asi hɔ sɛ wɔnhyɛ me din animuonyam.’ 10“Yɛyɛ wʼasomfoɔ, nnipa a wonam wo tumi kɛseɛ so gyee yɛn no. 11Ao Awurade, mesrɛ wo, tie me mpaeɛbɔ. Tie yɛn mu bi a wɔn ani gye sɛ wɔhyɛ wo animuonyam no mpaeɛbɔ. Mesrɛ sɛ, ma ɛnsi me yie wɔ ɛberɛ a merekɔ ɔhene nkyɛn akɔbisa no adom bi yi. Fa hyɛ nʼakoma mu, na ɔnyɛ me adɔeɛ.”
Saa mmerɛ no na meyɛ ɔhene nsãhyɛni.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.