Native Bible

Mark 9:37 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Mo mu biara a me enti ɔbɛgye abɔfra ketewa sɛ yei no, agye me, na deɛ ɔbɛgye me no nso agye mʼAgya a ɔsomaa me no!”

Mark 9:37 in English

Mark 9:37 · Berean Standard Bible

“Whoever welcomes one of these little children in My name welcomes Me, and whoever welcomes Me welcomes not only Me, but the One who sent Me.”

Context

35Ɔtenaa ase, frɛɛ wɔn baa ne nkyɛn, ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ ɔpanin wɔ mo mu no, ɛsɛ sɛ ɔyɛ abɔfra anaa ɔsomfoɔ wɔ mo mu!” 36Afei, ɔde abɔfra ketewa bi bɛgyinaa wɔn mfimfini. Ɔde abɔfra no kyerɛɛ wɔn kaa sɛ, 37“Mo mu biara a me enti ɔbɛgye abɔfra ketewa sɛ yei no, agye me, na deɛ ɔbɛgye me no nso agye mʼAgya a ɔsomaa me no!” 38Yohane a ɔyɛ asuafoɔ no mu baako no ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, yɛhunuu ɔbarima bi a ɔde wo din retu ahonhommɔne enti yɛka kyerɛɛ no sɛ ɔnnyae, ɛfiri sɛ, ɔnka yɛn ho.” 39Yesu kaa sɛ, “Monnsi no ɛkwan. Ɛfiri sɛ, obiara nni hɔ a ɔreyɛ anwanwadeɛ wɔ me din mu na ɔbɛtwa ne ho atia me,

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.