Marko 9:33
Mark 9:33 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Yesu ne nʼasuafoɔ no baa Kapernaum. Ɛberɛ a wɔduruu efie a wɔbɛtena mu no mu na wɔregye wɔn ahome no, Yesu bisaa nʼasuafoɔ no sɛ, “Yɛreba no, ɛdeɛn akyinnyeɛ na na moregye wɔ ɛkwan so no?”
Mark 9:33 in English
Mark 9:33 · Berean Standard Bible
Then they came to Capernaum. While Jesus was in the house, He asked them, “What were you discussing on the way?”
Context
31Na ɔpɛ sɛ ɔnya berɛ ma nʼasuafoɔ no de kyerɛkyerɛ wɔn. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Wɔbɛyi Onipa Ba no ama, na wɔakum no, na ne nnansa so, ɔbɛsɔre aba nkwa mu bio.” 32Asuafoɔ no ante asɛm a ɔkaeɛ yi ase, nanso na wɔsuro sɛ wɔbɛbisa no aseɛ. 33Yesu ne nʼasuafoɔ no baa Kapernaum. Ɛberɛ a wɔduruu efie a wɔbɛtena mu no mu na wɔregye wɔn ahome no, Yesu bisaa nʼasuafoɔ no sɛ, “Yɛreba no, ɛdeɛn akyinnyeɛ na na moregye wɔ ɛkwan so no?” 34Asuafoɔ no antumi ammua ɛfiri sɛ, na wɔredwennwene deɛ ɔbɛyɛ wɔn mu kɛseɛ no ho. 35Ɔtenaa ase, frɛɛ wɔn baa ne nkyɛn, ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ ɔpanin wɔ mo mu no, ɛsɛ sɛ ɔyɛ abɔfra anaa ɔsomfoɔ wɔ mo mu!”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.