Native Bible

Mark 7:23 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Saa nnebɔne yi nyinaa firi onipa mu na ɛba, na ɛnonom na ɛgu onipa ho fi a ɛmma ɔmfata Onyankopɔn anim.”

Mark 7:23 in English

Mark 7:23 · Berean Standard Bible

All these evils come from within, and these are what defile a man.”

Context

21Afei, deɛ ɛfiri nnipa akoma mu ba no, ɛde adwamammɔ, korɔno, awudie, 22adifudepɛ, amumuyɛ, nsisie, ahohwie, anibereɛ, abususɛm, ahantan ne nkwaseasɛm ba. 23Saa nnebɔne yi nyinaa firi onipa mu na ɛba, na ɛnonom na ɛgu onipa ho fi a ɛmma ɔmfata Onyankopɔn anim.” 24Yesu firi hɔ no, ɔkɔɔ Tiro ne Sidon fam pɛɛ sɛ ɔrekɔhyɛ hɔ komm a, obiara nte ne nka, nanso anyɛ yie. Ɛda a ɔduruu hɔ ara pɛ, na nkurɔfoɔ tee ne nka sɛ waba hɔ. 25Ɛhɔ ara na ɔbaa bi a honhommɔne hyɛ ne babaa ketewa bi mu baa ne nkyɛn. Na wate Yesu nka enti, ɔbɛbuu no nkotodwe.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.