Marko 6:30
Mark 6:30 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Asomafoɔ no sane baa Yesu nkyɛn bɛkaa deɛ wɔyɛeɛ ne deɛ wɔkyerɛkyerɛɛ nnipa a wɔkɔɔ wɔn nkyɛn no nyinaa kyerɛɛ no.
Mark 6:30 in English
Mark 6:30 · Berean Standard Bible
Meanwhile, the apostles gathered around Jesus and brought Him news of all they had done and taught.
Context
28na ɔde too prɛte mu de brɛɛ ababaawa no maa ɔde kɔmaa ne maame. 29Ɛberɛ a Yohane asuafoɔ no tee deɛ asi no, wɔbɛfaa nʼamu no kɔsiee no wɔ ɔboda bi mu. 30Asomafoɔ no sane baa Yesu nkyɛn bɛkaa deɛ wɔyɛeɛ ne deɛ wɔkyerɛkyerɛɛ nnipa a wɔkɔɔ wɔn nkyɛn no nyinaa kyerɛɛ no. 31Yesu tiee wɔn amaneɛ no wieeɛ no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Momma yɛntwe yɛn ho mfiri nnipakuo yi ho, na yɛnkɔhome kakra.” Deɛ ɛma ɔkaa saa ne sɛ, na nnipa a wɔba wɔn nkyɛn no to ntwa da. Wɔnnya ɛkwan mpo na wɔadidi. 32Yesu ne nʼasuafoɔ no tenaa kodoɔ mu kɔɔ baabi a obiara nni hɔ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.