Native Bible

Mark 4:40 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Yesu bisaa wɔn sɛ, “Adɛn na moyɛ ahufoɔ sei? Adɛn, monnye me nni anaa?”

Mark 4:40 in English

Mark 4:40 · Berean Standard Bible

“Why are you so afraid?” He asked. “Do you still have no faith?”

Context

38Saa ɛberɛ no, na Yesu wɔ kodoɔ no to de ne ti ato sumiiɛ so ada. Asuafoɔ no de ahopopoɔ ne nteateamu kɔnyanee no kaa sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, yɛreyɛ amem yi, ɛmfa wo ho?” 39Ɔsɔre teateaa mframa no ka kyerɛɛ ɛpo no sɛ, “Yɛ dinn!” Mframa no gyaeeɛ, na ɛpo no yɛɛ dinn! 40Yesu bisaa wɔn sɛ, “Adɛn na moyɛ ahufoɔ sei? Adɛn, monnye me nni anaa?” 41Na wɔn ho dwirii wɔn yie, bisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ, “Onipa bɛn ni a mframa ne ɛpo mpo tie no yi?”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.