Native Bible

Mark 2:18 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɛda bi a Yohane Osubɔni akyidifoɔ ne Farisifoɔ no redi mmuada no, nnipa bi kɔɔ Yesu nkyɛn kɔbisaa no sɛ, “Adɛn enti na Yohane ne Farisifoɔ no akyidifoɔ di mmuada na wʼakyidifoɔ deɛ, wɔnni mmuada?”

Mark 2:18 in English

Mark 2:18 · Berean Standard Bible

Now John’s disciples and the Pharisees were often fasting. So people came to Jesus and asked, “Why don’t Your disciples fast like John’s disciples and those of the Pharisees?”

Context

16Farisifoɔ no hunuu sɛ ɔne nnebɔneyɛfoɔ ne ɔtogyefoɔ ato nsa redidi no, wɔbisaa nʼasuafoɔ no sɛ, “Adɛn enti na ɔne ɔtogyefoɔ ne nnebɔneyɛfoɔ to nsa didi?” 17Yesu tee deɛ wɔkaeɛ no, ɔbuaa wɔn sɛ, “Wɔn a wɔwɔ ahoɔden no, ɔyaresafoɔ ho nhia wɔn, na wɔn a wɔyare no na ɔyaresafoɔ ho hia wɔn. Mamma sɛ merebɛka akyerɛ teneneefoɔ sɛ wɔnsakyera wɔn adwene na mmom, nnebɔneyɛfoɔ.” 18Ɛda bi a Yohane Osubɔni akyidifoɔ ne Farisifoɔ no redi mmuada no, nnipa bi kɔɔ Yesu nkyɛn kɔbisaa no sɛ, “Adɛn enti na Yohane ne Farisifoɔ no akyidifoɔ di mmuada na wʼakyidifoɔ deɛ, wɔnni mmuada?” 19Yesu nso bisaa wɔn sɛ, “Moahunu ayeforɔkunu nnamfo a wɔbɛba ayeforɔ ase a wɔbɛka sɛ, wɔredi mmuada enti wɔrennidi anaa? Mmerɛ dodoɔ a wɔne ayeforɔkunu no nam no deɛ, wɔrenni mmuada da. 20Nanso, ɛda bi bɛba a, wɔbɛfa ayeforɔkunu no afiri wɔn nkyɛn. Saa ɛberɛ no na wɔbɛdi mmuada.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.