Native Bible

Mark 15:40 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Saa ɛberɛ no, na mmaa bi gyinagyina akyiri baabi rehwɛ deɛ ɛrekɔ so. Mmaa no bi ne Maria Magdalene, Maria a ɔyɛ Yakobo kumaa ne Yosef maame ne Salome.

Mark 15:40 in English

Mark 15:40 · Berean Standard Bible

And there were also women watching from a distance. Among them were Mary Magdalene, Mary the mother of James the younger and of Joses,* and Salome.

Context

38Ɛhɔ ara, ntoma a ɛtwa asɔredan no mu no mu suanee mmienu firi soro kɔsii fam.* 39Asraafoɔ ɔha so panin a na ɔgyina hɔ no hunuu ɛkwan a Yesu faa so wuiɛ no, ɔkaa sɛ, “Ampa ara, onipa yi yɛ Onyankopɔn Ba!” 40Saa ɛberɛ no, na mmaa bi gyinagyina akyiri baabi rehwɛ deɛ ɛrekɔ so. Mmaa no bi ne Maria Magdalene, Maria a ɔyɛ Yakobo kumaa ne Yosef maame ne Salome. 41Ɛberɛ a na Yesu wɔ Galilea no, saa mmaa yi dii nʼakyi somm no. Saa ara nso na na nnipa bi a wɔdii nʼakyi baa Yerusalem no bi nso wɔ hɔ. 42Ɛduruu anwummerɛ no, ɛsiane sɛ na adeɛ kye a ɛyɛ Homeda* no enti,

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.