Marko 15:26
Mark 15:26 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Asɛm bi a wɔka too no so na wɔtwerɛɛ taree nʼasɛnnua no atifi ka sɛ, Yudafoɔ Ɔhene.
Mark 15:26 in English
Mark 15:26 · Berean Standard Bible
And the charge inscribed against Him read: THE KING OF THE JEWS.
Context
24Afei, wɔbɔɔ no asɛnnua mu. Yei akyi, wɔbɔɔ nʼatadeɛ no so ntonto. 25Ɛbɛyɛ anɔpa nnɔnkron na wɔbɔɔ no asɛnnua mu. 26Asɛm bi a wɔka too no so na wɔtwerɛɛ taree nʼasɛnnua no atifi ka sɛ,
Yudafoɔ Ɔhene. 27Ɛda no ara anɔpa, wɔbɔɔ awudifoɔ baanu bi asɛnnua mu kaa Yesu ho. Na ɔbaako sɛn ne nifa so, ɛnna ɔbaako nso sɛn ne benkum so. 28Yei maa deɛ Atwerɛsɛm no kaa sɛ, “Wɔkan no fraa nnebɔneyɛfoɔ mu” no baa mu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.