Marko 15:20
Mark 15:20 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wɔdii ne ho fɛ wieeɛ no, wɔworɔɔ batakari kɔkɔɔ no, ɛnna wɔde ɔno ara nʼatadeɛ hyɛɛ no, de no kɔeɛ sɛ wɔrekɔbɔ no asɛnnua mu.
Mark 15:20 in English
Mark 15:20 · Berean Standard Bible
After they had mocked Him, they removed the purple robe and put His own clothes back on Him. Then they led Him out to crucify Him.
Context
18Wɔhyɛɛ aseɛ bɔ gyee so, dii ne ho fɛ sɛ, “Yudafoɔ ɔhene, wo nkwa so!” 19Wɔde abaa paa nʼapampam, tetee ntasuo guu ne so, buu no nkotodwe, de dii ne ho fɛw. 20Wɔdii ne ho fɛ wieeɛ no, wɔworɔɔ batakari kɔkɔɔ no, ɛnna wɔde ɔno ara nʼatadeɛ hyɛɛ no, de no kɔeɛ sɛ wɔrekɔbɔ no asɛnnua mu. 21Wɔrekɔ no, wɔhyiaa ɔbarima bi a wɔfrɛ no Simon a ɔfiri Kirene a ɔyɛ Aleksandro ne Rufo agya wɔ ɛkwan so. Wɔhyɛɛ no ma ɔsoaa Yesu asɛnnua no. 22Wɔde Yesu baa baabi a wɔfrɛ hɔ sɛ Golgota a (nʼasekyerɛ ne Nitire so) hɔ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.