Marko 14:8
Mark 14:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wayɛ deɛ ɔbɛtumi. Wadi ɛkan asra me onipadua ama ɛda a wobɛsie me.
Mark 14:8 in English
Mark 14:8 · Berean Standard Bible
She has done what she could to anoint My body in advance of My burial.
Context
6Nanso, Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monnyaa no! Adɛn enti na moreha no wɔ ade pa a ɔyɛeɛ no ho? 7Mo ne ahiafoɔ a mobɛtumi aboa wɔn ɛberɛ biara mu na ɛte. Na me deɛ, merenkyɛ wɔ mo nkyɛn. 8Wayɛ deɛ ɔbɛtumi. Wadi ɛkan asra me onipadua ama ɛda a wobɛsie me. 9Mereka makyerɛ mo sɛ, baabiara a wɔbɛka Asɛmpa no wɔ ewiase no, wɔde deɛ ɔbaa yi yɛeɛ no bɛkae no, akamfo no.” 10Afei, Yuda Iskariot, asuafoɔ dumienu no mu baako, kɔɔ asɔfoɔ mpanin no nkyɛn ne wɔn kɔhyehyɛɛ sɛdeɛ ɔbɛyi Yesu ama wɔn no ho.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.