Marko 14:34
Mark 14:34 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Awerɛhoɔ ahyɛ me kra ma. Montena ha, na mo ne me nwɛn.”
Mark 14:34 in English
Mark 14:34 · Berean Standard Bible
Then He said to them, “My soul is consumed with sorrow to the point of death. Stay here and keep watch.”
Context
32Yesu ne nʼasuafoɔ no duruu baabi a wɔfrɛ hɔ Getsemane no, ɔka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Montena ha, na merekɔbɔ mpaeɛ aba.” 33Ɔfaa Petro, Yakobo ne Yohane kaa ne ho, na ne ho hyɛɛ aseɛ yeraa no, na ɔyɛɛ basaa. 34Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Awerɛhoɔ ahyɛ me kra ma. Montena ha, na mo ne me nwɛn.” 35Ɔkɔɔ nʼanim kakra, kɔbutuu fam, bɔɔ mpaeɛ sɛ, sɛ ɛbɛtumi a, saa ahoyera no ntwa ne ho nkɔ. 36Ɔkaa sɛ, “Abba, Agya! Wotumi yɛ biribiara. Ma kuruwa yi ntwa me ho nkɔ. Nanso, deɛ wopɛ na ɛnyɛ hɔ, na ɛnyɛ deɛ mepɛ.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.