Native Bible

Mark 13:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Aman bɛsɔre aman so, na ahennie asɔre ahennie so na asasewosoɔ ne ɛkɔm bɛba mmeammea. Yeinom nyinaa bɛyɛ nneɛma a ɛyɛ hu a ɛbɛba no mfitiaseɛ.

Mark 13:8 in English

Mark 13:8 · Berean Standard Bible

Nation will rise against nation, and kingdom against kingdom. There will be earthquakes in various places, as well as famines. These are the beginning of birth pains.

Context

6Nnipa bebree de me din bɛba abɛka sɛ wɔne Agyenkwa no, na wɔadaadaa mo mu pii. 7Akokoakoko bɛsisi afanan nyinaa, nanso ɛnyɛ ɛnonom ne awieeɛ no ho nsɛnkyerɛnneɛ. 8Aman bɛsɔre aman so, na ahennie asɔre ahennie so na asasewosoɔ ne ɛkɔm bɛba mmeammea. Yeinom nyinaa bɛyɛ nneɛma a ɛyɛ hu a ɛbɛba no mfitiaseɛ. 9“Nanso, sɛ yeinom fiti aseɛ sɛ ɛreba a, monhwɛ yie! Mobɛkɔ ɔhaw akɛseɛ mu. Esiane sɛ modi mʼakyi enti, wɔbɛtwe mo akɔ asɛnniiɛ; wɔbɛhwe mo wɔ asɔredan mu, na wɔaka nsɛm agu mo so wɔ ahemfo ne mpanimfoɔ anim. Saa ɛberɛ no ne berɛ pa a ɛsɛ sɛ moka Asɛmpa no kyerɛ wɔn. 10Na ɛsɛ sɛ Asɛmpa no di ɛkan duru ɔman biara so ansa na awieeɛ no aba.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.