Marko 13:28
Mark 13:28 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Afei, monsua biribi mfiri borɔdɔma dua no ho asɛm no mu. Sɛ ɛyi mman foforɔ, sane yi ahahan foforɔ a, na ɛkyerɛ sɛ asusɔ abɛn.
Mark 13:28 in English
Mark 13:28 · Berean Standard Bible
Now learn this lesson * from the fig tree: As soon as its branches become tender and sprout leaves, you know that summer is near.
Context
26“Na nnipa nyinaa bɛhunu me, Agyenkwa no, sɛ mede tumi ne animuonyam nam omununkum mu reba. 27Na mɛsoma mʼabɔfoɔ akɔ ewiase afanan nyinaa, firi ɔsoro ano akɔka asase ano, na wɔabɛboaboa wɔn a mayi wɔn no ano. 28“Afei, monsua biribi mfiri borɔdɔma dua no ho asɛm no mu. Sɛ ɛyi mman foforɔ, sane yi ahahan foforɔ a, na ɛkyerɛ sɛ asusɔ abɛn. 29Sɛ mohunu sɛ saa nneɛma yi a maka ho asɛm akyerɛ mo yi nyinaa afiti aseɛ resisi a, mobɛhunu sɛ me ba a mɛsane aba no abɛn. 30Nokorɛ me se mo sɛ, awontoatoasoɔ yi rentwam, gye sɛ saa nneɛma yi nyinaa aba mu ansa.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.