Native Bible

Mark 12:37 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Sɛ Dawid frɛ no ‘Awurade’ a, ɛbɛyɛ dɛn na watumi ayɛ ne ba?” Ɛkwan a ɔfaa so kasaeɛ no maa nnipa no de anigyeɛ tiee no.

Mark 12:37 in English

Mark 12:37 · Berean Standard Bible

David himself calls Him ‘Lord.’ So how can He be David’s son?” And the large crowd listened to Him with delight.

Context

35Ɛberɛ bi a Yesu rekyerɛkyerɛ wɔ asɔredan mu no, ɔbisaa nnipa no sɛ, “Adɛn na Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no ka sɛ, ɛsɛ sɛ Agyenkwa no yɛ Ɔhene Dawid ba? 36Ɛfiri sɛ Dawid ankasa nam Honhom Kronkron mu kaa sɛ, “ ‘Awurade ka kyerɛɛ me wura sɛ: “Tena me nifa so kɔsi sɛ mede wʼatamfoɔ bɛyɛ wo nan ntiasoɔ.” ’ 37Sɛ Dawid frɛ no ‘Awurade’ a, ɛbɛyɛ dɛn na watumi ayɛ ne ba?” Ɛkwan a ɔfaa so kasaeɛ no maa nnipa no de anigyeɛ tiee no. 38Ɛberɛ bi a nnipakuo bi de anigyeɛ retie Yesu no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monhwɛ mo ho yie wɔ Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ ho! Wɔhyɛ ntadeɛ akɛseɛ sɛ asikafoɔ na sɛ wɔnam badwa mu a, wɔpɛ sɛ obiara a ɔhyia wɔn no de obuo kyea wɔn. 39Sɛ wɔkɔ hyiadan mu a, wɔtenatena mpanin adwa so, na sɛ wɔkɔ adidie ase a, wɔtena mpanin tenabea.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.