Native Bible

Mark 12:15 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Yesu hunuu wɔn adwemmɔne no kaa sɛ, “Adɛn enti na mosɔ me hwɛ, momfa sika a wɔde yi toɔ no bi nkyerɛ me, na mɛma mo mmuaeɛ.”

Mark 12:15 in English

Mark 12:15 · Berean Standard Bible

But Jesus saw through their hypocrisy and said, “Why are you testing Me? Bring Me a denarius * to inspect.”

Context

13Wɔsomaa Farisifoɔ ne Herodefoɔ bi baa Yesu nkyɛn sɛ wɔne no mmɛkasa, na wɔnam nʼanom asɛm so anya no akyere no. 14Wɔbisaa no sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, yɛnim sɛ woyɛ ɔnokwafoɔ a, wotaa ka nokorɛ. Deɛ onipa ka no ntumi nnane wʼadwene. Afei, wokyerɛkyerɛ nnipa Onyankopɔn akwan. Yɛpɛ sɛ yɛbisa wo sɛ, ɛyɛ sɛ wɔyi toɔ ma Roma Hempɔn Kaesare* anaa ɛnyɛ?” 15Yesu hunuu wɔn adwemmɔne no kaa sɛ, “Adɛn enti na mosɔ me hwɛ, momfa sika a wɔde yi toɔ no bi nkyerɛ me, na mɛma mo mmuaeɛ.” 16Wɔde maa no, ɔbisaa wɔn sɛ, “Hwan mfoni ne atwerɛ na ɛwɔ so?” Wɔbuaa sɛ, “Kaesare deɛ.” 17Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ɛnneɛ momfa Kaesare deɛ mma no, na momfa Onyankopɔn deɛ mma Onyankopɔn!” Ne mmuaeɛ no maa wɔn ho dwirii wɔn.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.