Native Bible

Mark 11:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wɔkaa asɛm a Yesu ka kyerɛɛ wɔn no kyerɛɛ nnipa no ma wɔtee wɔn aseɛ.

Mark 11:6 in English

Mark 11:6 · Berean Standard Bible

The disciples answered as Jesus had instructed them, and the people gave them permission.

Context

4Asuafoɔ baanu no siim. Wɔkɔhunuu sɛ aboa no sa efie bi aboboano. Enti, wɔsanee no. 5Wɔgu so resane no no, nnipa bi a wɔgyina nkyɛn bisaa wɔn sɛ, “Adɛn enti na moresane afunumu ba no?” 6Wɔkaa asɛm a Yesu ka kyerɛɛ wɔn no kyerɛɛ nnipa no ma wɔtee wɔn aseɛ. 7Wɔde afunumu ba no brɛɛ Yesu, maa asuafoɔ no de wɔn ntoma guu aboa no so, maa Yesu tenaa ne so. 8Nnipakuo a wɔwɔ hɔ no bi de wɔn ntoma sesɛɛ ɛkwan a ɔde aboa no nam so no so. Ebinom nso pempan nnua mman de sesɛɛ ɛkwan no mu saa ara.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.