Native Bible

Mark 10:48 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Nnipa no bi teateaa no sɛ, “Mua wʼano!” Nanso ɔkɔɔ so teateaam denden sɛ, “Dawid ba, hunu me mmɔbɔ!”

Mark 10:48 in English

Mark 10:48 · Berean Standard Bible

Many people admonished him to be silent, but he cried out all the louder, “Son of David, have mercy on me!”

Context

46Yesu ne nʼasuafoɔ no bɛduruu Yeriko. Wɔrefi kuro no mu no, nnipakuo tu dii wɔn akyi. Saa ɛberɛ a Yesu retwa mu no, na onifirani Bartimeo a ne din nkyerɛaseɛ ne “Timoteo ba” no te kwankyɛn resrɛsrɛ adeɛ. 47Ɛberɛ a Bartimeo tee sɛ Yesu Nasareni na ɔretwam no, ɔhyɛɛ aseɛ teateaam sɛ, “Dawid Ba Yesu, hunu me mmɔbɔ!” 48Nnipa no bi teateaa no sɛ, “Mua wʼano!” Nanso ɔkɔɔ so teateaam denden sɛ, “Dawid ba, hunu me mmɔbɔ!” 49Ɛberɛ a Yesu tee ne nne no, ɔgyina kaa sɛ, “Momfrɛ no mma me.” Wɔfrɛɛ onifirani no ka kyerɛɛ no sɛ, “Ma wo bo ntɔ wo yam, sɔre na ɔrefrɛ wo!” 50Bartimeo to ne ntoma guiɛ, sɔre baa Yesu nkyɛn.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.