Native Bible

Mark 10:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wɔbuaa sɛ, “Mose kaa sɛ ɛyɛ sɛ wɔgyae awadeɛ. Nʼasɛm a ɔkaeɛ ne sɛ, sɛ ɔbarima bi pɛ sɛ ɔgyaa ne yere awadeɛ a, ɔntwerɛ awaregyaeɛ krataa mfa mma ne yere no.”

Mark 10:4 in English

Mark 10:4 · Berean Standard Bible

They answered, “Moses permitted a man to write his wife a certificate of divorce and send her away.”*

Context

2Farisifoɔ bi baa ne nkyɛn bɛbisaa no sɛ, “Wopene awaregyaeɛ so anaa?” Wɔbisaa no yei de sɔɔ no hwɛɛ. 3Yesu nso bisaa wɔn sɛ, “Ɛdeɛn na Mose ka faa awaregyaeɛ ho?” 4Wɔbuaa sɛ, “Mose kaa sɛ ɛyɛ sɛ wɔgyae awadeɛ. Nʼasɛm a ɔkaeɛ ne sɛ, sɛ ɔbarima bi pɛ sɛ ɔgyaa ne yere awadeɛ a, ɔntwerɛ awaregyaeɛ krataa mfa mma ne yere no.” 5Yesu bisaa wɔn sɛ, “Adɛn enti na ɔkaa saa? Merebɛkyerɛ mo deɛ enti a ɔkaa saa. Esiane mo akoma a apirim no enti na ɔkaa saa kyerɛɛ mo. 6Ɛfiri adebɔ ahyɛaseɛ na Onyankopɔn bɔɔ ɔbarima ne ɔbaa.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.