Native Bible

Mark 10:22 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Aberanteɛ no tee saa asɛm yi no, nʼanim sesaeɛ, na ɔde awerɛhoɔ kɔeɛ, ɛfiri sɛ, na ɔwɔ ahonyadeɛ bebree.

Mark 10:22 in English

Mark 10:22 · Berean Standard Bible

But the man was saddened by these words and went away in sorrow, because he had great wealth.

Context

20Aberanteɛ no ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, yeinom nyinaa mefiri me mmɔfraase na medii so.” 21Yesu hwɛɛ aberanteɛ yi dinn, nyaa ɔdɔ bi maa no. Ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Aka wo adeɛ baako. Kɔ na kɔtɔn biribiara a wowɔ, na fa sika no ma ahiafoɔ, na wobɛnya agyapadeɛ wɔ ɔsoro, na bra bɛdi mʼakyi.” 22Aberanteɛ no tee saa asɛm yi no, nʼanim sesaeɛ, na ɔde awerɛhoɔ kɔeɛ, ɛfiri sɛ, na ɔwɔ ahonyadeɛ bebree. 23Ɔrekɔ no, Yesu hwɛɛ no na ɔdanee ne ho ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Ɛyɛ den ma osikani sɛ ɔbɛkɔ Onyankopɔn Ahennie no mu!” 24Asɛm a Yesu kaeɛ no maa asuafoɔ no ho dwirii wɔn. Yesu sane kaa bio sɛ, “Me mma, sɛ moahunu den a ɛyɛ ma wɔn a wɔwɔ ahonyadeɛ sɛ wɔbɛkɔ Onyankopɔn Ahennie mu?

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.