Native Bible

Mark 1:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ne nkyerɛkyerɛ no mu, ɔkaa sɛ, “Ɛrenkyɛre koraa, obi bɛba a ɔwɔ tumi sene me a, ne mpaboa ahoma mpo, mensɛ sɛ mekoto mesane.

Mark 1:7 in English

Mark 1:7 · Berean Standard Bible

And he began to proclaim: “After me will come One more powerful than I, the straps of whose sandals I am not worthy to stoop down and untie.

Context

5Nnipa fifiri Yerusalem ne Yudea nkuro so kɔhunuu Yohane, tiee no. Na wɔkaa wɔn bɔne kyerɛɛ no no, ɔbɔɔ wɔn asu wɔ Asubɔnten Yordan mu. 6Na Yohane hyɛ atadeɛ a wɔde yoma nhoma na apam a aboa nhoma abɔsoɔ nso bɔ mu. Na nʼaduane yɛ ntutummɛ ne ɛwoɔ. 7Ne nkyerɛkyerɛ no mu, ɔkaa sɛ, “Ɛrenkyɛre koraa, obi bɛba a ɔwɔ tumi sene me a, ne mpaboa ahoma mpo, mensɛ sɛ mekoto mesane. 8Me deɛ, mede nsuo na ɛbɔ mo asu, na ɔno deɛ, ɔde Honhom Kronkron na ɛbɛbɔ mo asu!” 9Ɛda bi, Yesu firii Nasaret a ɛwɔ Galileaman mu ba maa Yohane bɔɔ no asu wɔ Asubɔnten Yordan mu.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.