Marko 1:20
Mark 1:20 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɔfrɛɛ wɔn nso sɛ wɔmmɛdi nʼakyi. Ntɛm ara, wɔgyaa wɔn agya Sebedeo ne nʼapaafoɔ hɔ wɔ kodoɔ no mu bɛdii nʼakyi.
Mark 1:20 in English
Mark 1:20 · Berean Standard Bible
Immediately Jesus called them, and they left their father Zebedee in the boat with the hired men and followed Him.
Context
18Ɛhɔ ara, wɔgyaa wɔn asau no guu hɔ bɛdii nʼakyi. 19Ɔkɔɔ nʼanim kakra no, ɔhunuu Sebedeo mma baanu a wɔfrɛ ɔbaako Yohane, ɛnna ɔbaako nso Yakobo, sɛ wɔte kodoɔ mu reyɛ wɔn asau ho adwuma. 20Ɔfrɛɛ wɔn nso sɛ wɔmmɛdi nʼakyi. Ntɛm ara, wɔgyaa wɔn agya Sebedeo ne nʼapaafoɔ hɔ wɔ kodoɔ no mu bɛdii nʼakyi. 21Yesu ne nʼakyidifoɔ yi bɛduruu Kapernaum. Na Homeda duruiɛ no, ɔkɔɔ asɔredan mu kɔkaa asɛmpa no. 22Nnipa no tee asɛm no no, wɔn ho dwirii wɔn, ɛfiri sɛ, ɔkasaa te sɛ obi a ɔwɔ tumi, na mmom wankasa sɛ Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.