Mika 6:10
Micah 6:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mo amumuyɛfoɔ, menkɔ so mma me werɛ mfiri mo ahonya a monam nsisie so apɛ, ne nkontompo susukora a ɛde nnome ba no anaa?
Micah 6:10 in English
Micah 6:10 · Berean Standard Bible
Can I forget any longer, O house of the wicked, the treasures of wickedness and the short ephah, which is accursed?
Context
8Ɔde deɛ ɛyɛ akyerɛ wo, Ao onipa.
Na ɛdeɛn na Awurade hwehwɛ afiri wo hɔ?
Yɛ adetenenee, hunu afoforɔ mmɔbɔ,
na wo ne wo Onyankopɔn nnante ahobrɛaseɛ mu. 9Montie! Awurade refrɛ kuropɔn no,
Wo din suro yɛ nyansahu,
“Monsuro Abaa no ne deɛ ɔmaa no tumi no. 10Mo amumuyɛfoɔ, menkɔ so mma me werɛ mfiri mo ahonya a monam nsisie so apɛ,
ne nkontompo susukora a ɛde nnome ba no anaa? 11Mennyae onipa a ɔkura nsania a wɔamia mu,
ne nsisie nkariboɔ
na ɔmfa ne ho nni anaa? 12Adefoɔ a wɔwɔ mo mu no di akakabensɛm;
mo nkurɔfoɔ no yɛ atorofoɔ
na wɔn tɛkrɛma ka nnaadaasɛm.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.